Ce document contient le Symbole des apôtres en langue twi (asante et akuapem) parlée au Ghana, en Côte d'Ivoire et au Togo.

1 pages.

Le Symbole des apôtres en langue twi (asante et akuapem) Asomafo Gyidikasɛm

Migye Agya Onyankopɔn a ɔyɛ nneɛma nyinaa so
Tumfoɔ ne ɔsoro ne asase yɛfo no midi.
Migye ne ba a ɔwoo no koro no, Yesu Kristo a
ɔyɛ yɛn Awurade no midi;
ɔno na wɔde Honhom Kronkron na enyinsɛn no,
Na ɔbaabun Maria woo no;
Na ohuu amane Pontio Pilato bere so,
Na wɔbɔɔ no fam asɛndua ho, na owui, na wosiee no;
Na osian kɔɔ asaman, na ne nnansa so no ɔsɔre fii awufo mu;
Na ɔkɔɔ soro; ɛhɔ na ɔte n’agya Onyankopɔn,
Nneɛma nyinaa so tumfoɔ no nifa; ɛhɔ na ofi bɛba abebu ateasefo ne awufo ntɛn.
Migye Honhom Kronkron ne Kristofo Asafo Kronkron a
ɛyɛ biako wɔ mmaa nyinaa a ahotefo wɔ mu ayɔnkofa
Ne bɔne fafiri ne honam sɔre ne daa nkwa, midi. Amen.